Psalms 88

Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom.


1 Awurade, woyɛ me nkwagye Nyankopɔn
misu wɔ wʼanim adekyee ne adesae.

2 Ma me mpaebɔ nnu wʼanim;
brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.


3 Ɔhaw ahyɛ me kra ma
na me nkwa rebɛn owu.

4 Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ ɔda mu no;
mete sɛ obi a onni ahoɔden.

5 Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufo mu,
te sɛ atɔfo a wɔdeda ɔda mu,
wɔn a wonkae wɔn bio,
na wonhwɛ wɔn bio.


6 Woatow me akyene ɔda ase tɔnn,
wɔ sum kabii mu.

7 Wʼabufuwhyew ayɛ duru wɔ me so;
woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.

8 Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afi me nkyɛn
woama me ho ayɛ wɔn ahi.
Woaka me ahyɛ mu na mintumi nguan;

9 awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu.

Awurade misu frɛ wo da biara;
metrɛw me nsam kyerɛ wo.

10 Woyɛ anwonwade kyerɛ awufo ana?
Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo ana?

11 Wɔka wʼadɔe ho asɛm wɔ ɔda mu,
anaasɛ wo nokware ho asɛm wɔ ɔsɛe kurom ana?

12 Wohu wʼanwonwade wɔ beae a hɔ aduru sum,
anaa wo trenee nnwuma no wɔ awerɛfiri asase so ana?


13 Nanso Awurade, misu frɛ wo sɛ boa me;
me mpaebɔ du wʼanim adekyee mu.

14 Adɛn, Awurade, na wopo me
na wode wʼanim hintaw me?


15 Mahu amane fi me mmofraase na mabɛn owu;
wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa abaw.

16 Wʼabufuwhyew abu afa me so;
wʼahunahuna asɛe me.

17 Daa nyinaa wotwa me ho hyia sɛ nsuyiri,
na wɔabu afa me so koraa.

18 Woafa me yɔnkonom ne mʼadɔfo afi me nkyɛn kɔ;
na sum ayɛ mʼadamfo a ɔbɛn me pɛɛ.
Copyright information for TwiAKNA